Native Bible

Jeremiah 48:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔrenkamfo Moab bio; Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho pɔ; ‘Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.’ Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom; akofena no bɛtaa mo.

Jeremiah 48:2 in English

Jeremiah 48:2 · Berean Standard Bible

There is no longer praise for Moab; in Heshbon * they devise evil against her: ‘Come, let us cut her off from nationhood.’ You too, O people of Madmen,* will be silenced; the sword will pursue you.

Context

1Asɛm a ɛfa Moab ho no nie: Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: “Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no. Wɔbɛgu Kiriataim anim ase, na wɔakye no; wɔbɛgu aban denden no anim ase, na wɔadwiri agu fam. 2Wɔrenkamfo Moab bio; Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehweɛ ho pɔ; ‘Mommra, momma yɛn nkɔbɔ saa ɔman yi.’ Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano atom; akofena no bɛtaa mo. 3Montie osu a ɛfiri Horonaim, adesɛeɛ ne ɔsɛeɛ ho su. 4Wɔbɛbɔ Moab: na ne mma nketewa bɛteateam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.