Native Bible

Jeremiah 46:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Hwan, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil, sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ yi?

Jeremiah 46:7 in English

Jeremiah 46:7 · Berean Standard Bible

Who is this, rising like the Nile, like rivers whose waters churn?

Context

5Ɛdeɛn na mehunu? Wɔabɔ hu, wɔresane wɔn akyi, wɔn nnɔmmarima adi nkoguo. Wɔdwane ntɛm so a wɔnnhwɛ wɔn akyi, na ehu wɔ baabiara,” Awurade na ɔseɛ. 6Ɔhoɔherɛfoɔ ntumi nnwane, na ɔhoɔdenfoɔ nso saa ara. Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho wɔsuntisunti na wɔhwehwe ase. 7“Hwan, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil, sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ yi? 8Misraim ma ne homene so sɛ Nil, sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ. Ɔka sɛ, ‘Mɛsɔre akata asase no so; mɛsɛe nkuropɔn ne emu nnipa.’ 9Monkɔ mo anim, apɔnkɔ! Monka wɔn anibereɛ so, Ao teaseɛnamkafoɔ! Montu ntene, Ao nnɔmmarima, Kus ne Put mmarimma a mokura akokyɛm, Lidia mmarima a moto agyan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.