Native Bible

Jeremiah 46:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛdeɛn na mehunu? Wɔabɔ hu, wɔresane wɔn akyi, wɔn nnɔmmarima adi nkoguo. Wɔdwane ntɛm so a wɔnnhwɛ wɔn akyi, na ehu wɔ baabiara,” Awurade na ɔseɛ.

Jeremiah 46:5 in English

Jeremiah 46:5 · Berean Standard Bible

Why am I seeing this? They are terrified, they are retreating; their warriors are defeated, they flee in haste without looking back; terror is on every side!” declares the LORD.

Context

3“Siesie wʼakokyɛm, akɛseɛ ne nketewa nyinaa, na montu ntene nkɔ ɔsa! 4Monsiesie apɔnkɔ no, na momforo ntenatena wɔn so. Monyinagyina mo afa a mo dadeɛ kyɛ hyehyɛ mo! Monse mo mpea ano, na monhyɛ mo nkataboɔ. 5Ɛdeɛn na mehunu? Wɔabɔ hu, wɔresane wɔn akyi, wɔn nnɔmmarima adi nkoguo. Wɔdwane ntɛm so a wɔnnhwɛ wɔn akyi, na ehu wɔ baabiara,” Awurade na ɔseɛ. 6Ɔhoɔherɛfoɔ ntumi nnwane, na ɔhoɔdenfoɔ nso saa ara. Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho wɔsuntisunti na wɔhwehwe ase. 7“Hwan, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil, sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ yi?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.