Native Bible

Jeremiah 46:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Siesie wʼakokyɛm, akɛseɛ ne nketewa nyinaa, na montu ntene nkɔ ɔsa!

Jeremiah 46:3 in English

Jeremiah 46:3 · Berean Standard Bible

“Deploy your shields, small and large; advance for battle!

Context

1Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa odiyifoɔ Yeremia hɔ a ɛfa aman no ho. 2Deɛ ɛfa Misraim ho no nie: Yei ne nsɛm a ɛtia Misraimhene Farao Neko akodɔm a Babiloniahene Nebukadnessar dii wɔn so nkonim wɔ Karkemis, Asubɔnten Eufrate ho wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoakim adedie afe a ɛtɔ so ɛnan no: 3“Siesie wʼakokyɛm, akɛseɛ ne nketewa nyinaa, na montu ntene nkɔ ɔsa! 4Monsiesie apɔnkɔ no, na momforo ntenatena wɔn so. Monyinagyina mo afa a mo dadeɛ kyɛ hyehyɛ mo! Monse mo mpea ano, na monhyɛ mo nkataboɔ. 5Ɛdeɛn na mehunu? Wɔabɔ hu, wɔresane wɔn akyi, wɔn nnɔmmarima adi nkoguo. Wɔdwane ntɛm so a wɔnnhwɛ wɔn akyi, na ehu wɔ baabiara,” Awurade na ɔseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.