Yeremia 46:6
Jeremiah 46:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhoɔherɛfoɔ ntumi nnwane, na ɔhoɔdenfoɔ nso saa ara. Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho wɔsuntisunti na wɔhwehwe ase.
Jeremiah 46:6 in English
Jeremiah 46:6 · Berean Standard Bible
“The swift cannot flee, and the warrior cannot escape! In the north by the River Euphrates they stumble and fall.
Context
4Monsiesie apɔnkɔ no,
na momforo ntenatena wɔn so.
Monyinagyina mo afa
a mo dadeɛ kyɛ hyehyɛ mo!
Monse mo mpea ano,
na monhyɛ mo nkataboɔ. 5Ɛdeɛn na mehunu?
Wɔabɔ hu,
wɔresane wɔn akyi,
wɔn nnɔmmarima adi nkoguo.
Wɔdwane ntɛm so
a wɔnnhwɛ wɔn akyi,
na ehu wɔ baabiara,”
Awurade na ɔseɛ. 6Ɔhoɔherɛfoɔ ntumi nnwane,
na ɔhoɔdenfoɔ nso saa ara.
Atifi fam wɔ Asubɔnten Eufrate ho
wɔsuntisunti na wɔhwehwe ase. 7“Hwan, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil,
sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ yi? 8Misraim ma ne homene so sɛ Nil,
sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ.
Ɔka sɛ, ‘Mɛsɔre akata asase no so;
mɛsɛe nkuropɔn ne emu nnipa.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.