Native Bible

Jeremiah 46:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Monkɔ mo anim, apɔnkɔ! Monka wɔn anibereɛ so, Ao teaseɛnamkafoɔ! Montu ntene, Ao nnɔmmarima, Kus ne Put mmarimma a mokura akokyɛm, Lidia mmarima a moto agyan.

Jeremiah 46:9 in English

Jeremiah 46:9 · Berean Standard Bible

Advance, O horses! Race furiously, O chariots! Let the warriors come forth— Cush * and Put carrying their shields, men of Lydia drawing the bow.

Context

7“Hwan, na ɔma ne homene so sɛ Asubɔnten Nil, sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ yi? 8Misraim ma ne homene so sɛ Nil, sɛ nsubɔntene a emu nsuo woro soɔ. Ɔka sɛ, ‘Mɛsɔre akata asase no so; mɛsɛe nkuropɔn ne emu nnipa.’ 9Monkɔ mo anim, apɔnkɔ! Monka wɔn anibereɛ so, Ao teaseɛnamkafoɔ! Montu ntene, Ao nnɔmmarima, Kus ne Put mmarimma a mokura akokyɛm, Lidia mmarima a moto agyan. 10Nanso, ɛda no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea, aweretɔ da, nʼatamfoɔ so aweretɔ. Akofena bɛkunkum akɔsi sɛ ɔbɛmee, akɔsi ɛberɛ a ɔde mogya bɛdwodwo ne sukɔm ano. Ɛfiri sɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔdeɛ wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so. 11“Foro kɔ Gilead kɔgye aduro Ao, Misraim Babaa Babunu. Nanso, nnuro bebrebe a wofa no yɛ kwa, ayaresa biara nni hɔ ma wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.