Yeremia 46:11
Jeremiah 46:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Foro kɔ Gilead kɔgye aduro Ao, Misraim Babaa Babunu. Nanso, nnuro bebrebe a wofa no yɛ kwa, ayaresa biara nni hɔ ma wo.
Jeremiah 46:11 in English
Jeremiah 46:11 · Berean Standard Bible
Go up to Gilead for balm, O Virgin Daughter of Egypt! In vain you try many remedies, but for you there is no healing.
Context
9Monkɔ mo anim, apɔnkɔ!
Monka wɔn anibereɛ so, Ao teaseɛnamkafoɔ!
Montu ntene, Ao nnɔmmarima,
Kus ne Put mmarimma a mokura akokyɛm,
Lidia mmarima a moto agyan. 10Nanso, ɛda no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea,
aweretɔ da, nʼatamfoɔ so aweretɔ.
Akofena bɛkunkum akɔsi sɛ ɔbɛmee,
akɔsi ɛberɛ a ɔde mogya bɛdwodwo ne sukɔm ano.
Ɛfiri sɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔdeɛ
wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so. 11“Foro kɔ Gilead kɔgye aduro
Ao, Misraim Babaa Babunu.
Nanso, nnuro bebrebe a wofa no yɛ kwa,
ayaresa biara nni hɔ ma wo. 12Amanaman no bɛte wʼanimguaseɛ;
wʼagyaadwoɔ bɛhyɛ asase so ma.
Ɔkofoɔ baako bɛsunti ɔfoforɔ so;
na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.” 13Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.