Native Bible

Jeremiah 46:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amanaman no bɛte wʼanimguaseɛ; wʼagyaadwoɔ bɛhyɛ asase so ma. Ɔkofoɔ baako bɛsunti ɔfoforɔ so; na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.”

Jeremiah 46:12 in English

Jeremiah 46:12 · Berean Standard Bible

The nations have heard of your shame, and your outcry fills the earth, because warrior stumbles over warrior and both of them have fallen together.”

Context

10Nanso, ɛda no yɛ Awurade, Asafo Awurade dea, aweretɔ da, nʼatamfoɔ so aweretɔ. Akofena bɛkunkum akɔsi sɛ ɔbɛmee, akɔsi ɛberɛ a ɔde mogya bɛdwodwo ne sukɔm ano. Ɛfiri sɛ, Awurade, Asafo Awurade bɛbɔ afɔdeɛ wɔ atifi fam asase a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate ho no so. 11“Foro kɔ Gilead kɔgye aduro Ao, Misraim Babaa Babunu. Nanso, nnuro bebrebe a wofa no yɛ kwa, ayaresa biara nni hɔ ma wo. 12Amanaman no bɛte wʼanimguaseɛ; wʼagyaadwoɔ bɛhyɛ asase so ma. Ɔkofoɔ baako bɛsunti ɔfoforɔ so; na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.” 13Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so: 14“Mommɔ yei ho dawuro wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol; monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso sɛ, ‘Monnyinagyina na monyɛ krado, ɛfiri sɛ, akofena rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.