Yeremia 46:13
Jeremiah 46:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so:
Jeremiah 46:13 in English
Jeremiah 46:13 · Berean Standard Bible
This is the word that the LORD spoke to Jeremiah the prophet about the coming of Nebuchadnezzar king of Babylon to strike the land of Egypt:
Context
11“Foro kɔ Gilead kɔgye aduro
Ao, Misraim Babaa Babunu.
Nanso, nnuro bebrebe a wofa no yɛ kwa,
ayaresa biara nni hɔ ma wo. 12Amanaman no bɛte wʼanimguaseɛ;
wʼagyaadwoɔ bɛhyɛ asase so ma.
Ɔkofoɔ baako bɛsunti ɔfoforɔ so;
na wɔn baanu bɛbɔ mu ahwe ase.” 13Yei ne asɛm a Awurade ka kyerɛɛ odiyifoɔ Yeremia a ɛfa Babiloniahene Nebukadnessar ba a ɔbɛba abɛto ahyɛ Misraim so: 14“Mommɔ yei ho dawuro wɔ Misraim, na mompae mu nka wɔ Migdol;
monka wɔ Memfis ne Tapanhes nso sɛ,
‘Monnyinagyina na monyɛ krado,
ɛfiri sɛ, akofena rekunkum wɔn a wɔatwa mo ho ahyia.’ 15Adɛn enti na mo nnɔmmarima bɛboto sei?
Wɔrentumi nnyina, ɛfiri sɛ, Awurade bɛbɔ wɔn ahwe fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.