Yeremia 4:9
Jeremiah 4:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ, “ɔhene no ne adwumayɛfoɔ no bɛbɔ hu, asɔfoɔ no bo bɛtu, na adiyifoɔ no ho bɛdwiri wɔn.”
Jeremiah 4:9 in English
Jeremiah 4:9 · Berean Standard Bible
“In that day,” declares the LORD, “the king and officials will lose their courage. The priests will tremble in fear, and the prophets will be astounded.”
Context
7Gyata bi afiri ne tu mu;
ɔbɔaman bi asi mu.
Wafiri ne tenabea
sɛ ɔrebɛsɛe wʼasase.
Wo nkuro bɛbubu
na ada mpan. 8Enti fira ayitoma,
di awerɛhoɔ na twa adwo,
ɛfiri sɛ Awurade abufuhyeɛ no
nnane mfirii yɛn so. 9“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ,
“ɔhene no ne adwumayɛfoɔ no bɛbɔ hu,
asɔfoɔ no bo bɛtu,
na adiyifoɔ no ho bɛdwiri wɔn.” 10Afei, mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade, woadaadaa nnipa yi ne Yerusalem. Wokaa sɛ, ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’ wɔ ɛberɛ a akofena da yɛn mene mu.” 11Saa ɛberɛ no wɔbɛka akyerɛ nnipa yi ne Yerusalem sɛ, “Mframa a emu yɛ hyeɛ bɛbɔ afiri nkokoɔ wesee a ɛwɔ anweatam so aba me nkurɔfoɔ so, ɛnyɛ deɛ ɛpɔ ho anaa ɛhuhu soɔ;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.