Yeremia 4:7
Jeremiah 4:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Gyata bi afiri ne tu mu; ɔbɔaman bi asi mu. Wafiri ne tenabea sɛ ɔrebɛsɛe wʼasase. Wo nkuro bɛbubu na ada mpan.
Jeremiah 4:7 in English
Jeremiah 4:7 · Berean Standard Bible
A lion has gone up from his thicket, and a destroyer of nations has set out. He has left his lair to lay waste your land. Your cities will be reduced to ruins and lie uninhabited.
Context
5“Bɔ nkaeɛ wɔ Yuda na pae mu ka wɔ Yerusalem sɛ,
‘Hyɛn totorobɛnto no wɔ asase no nyinaa so!’
Team denden sɛ:
‘Mommoaboa mo ho ano!
Momma yɛn nnwane nkɔ kuropɔn a wɔabɔ ho ban no so!’ 6Momma frankaa so na monkɔ Sion
monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa!
Ɛfiri sɛ mede amanehunu firi atifi fam reba,
ɔsɛeɛ a ɛyɛ hu.” 7Gyata bi afiri ne tu mu;
ɔbɔaman bi asi mu.
Wafiri ne tenabea
sɛ ɔrebɛsɛe wʼasase.
Wo nkuro bɛbubu
na ada mpan. 8Enti fira ayitoma,
di awerɛhoɔ na twa adwo,
ɛfiri sɛ Awurade abufuhyeɛ no
nnane mfirii yɛn so. 9“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ,
“ɔhene no ne adwumayɛfoɔ no bɛbɔ hu,
asɔfoɔ no bo bɛtu,
na adiyifoɔ no ho bɛdwiri wɔn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.