Yeremia 4:8
Jeremiah 4:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti fira ayitoma, di awerɛhoɔ na twa adwo, ɛfiri sɛ Awurade abufuhyeɛ no nnane mfirii yɛn so.
Jeremiah 4:8 in English
Jeremiah 4:8 · Berean Standard Bible
So put on sackcloth, mourn and wail, for the fierce anger of the LORD has not turned away from us.”
Context
6Momma frankaa so na monkɔ Sion
monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa!
Ɛfiri sɛ mede amanehunu firi atifi fam reba,
ɔsɛeɛ a ɛyɛ hu.” 7Gyata bi afiri ne tu mu;
ɔbɔaman bi asi mu.
Wafiri ne tenabea
sɛ ɔrebɛsɛe wʼasase.
Wo nkuro bɛbubu
na ada mpan. 8Enti fira ayitoma,
di awerɛhoɔ na twa adwo,
ɛfiri sɛ Awurade abufuhyeɛ no
nnane mfirii yɛn so. 9“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ,
“ɔhene no ne adwumayɛfoɔ no bɛbɔ hu,
asɔfoɔ no bo bɛtu,
na adiyifoɔ no ho bɛdwiri wɔn.” 10Afei, mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade, woadaadaa nnipa yi ne Yerusalem. Wokaa sɛ, ‘Mobɛnya asomdwoeɛ,’ wɔ ɛberɛ a akofena da yɛn mene mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.