Native Bible

Jeremiah 31:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede wo bɛsi hɔ bio na wɔbɛsane de wo asi hɔ, Ao Israel babunu. Wobɛfa wʼakasaeɛ bio na wafiri adi ne anigyefoɔ akɔsa.

Jeremiah 31:4 in English

Jeremiah 31:4 · Berean Standard Bible

Again I will build you, and you will be rebuilt, O Virgin Israel. Again you will take up your tambourines and go out in joyful dancing.

Context

2Deɛ Awurade seɛ nie: “Nnipa a wɔntotɔ wɔ akofena ano no bɛnya adom wɔ anweatam so; mede ahomegyeɛ bɛbrɛ Israel.” 3Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ, “Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo mede adɔeɛ atwe mo. 4Mede wo bɛsi hɔ bio na wɔbɛsane de wo asi hɔ, Ao Israel babunu. Wobɛfa wʼakasaeɛ bio na wafiri adi ne anigyefoɔ akɔsa. 5Bio, mobɛyɛ bobe nturo wɔ Samaria nkokoɔ so; akuafoɔ no bɛdua na wɔadi so aba. 6Ɛda bi bɛba a, awɛmfoɔ bɛteam wɔ Efraim nkokoɔ so sɛ, ‘Mommra momma yɛnforo nkɔ Sion nkɔ Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.