Yeremia 31:5
Jeremiah 31:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Bio, mobɛyɛ bobe nturo wɔ Samaria nkokoɔ so; akuafoɔ no bɛdua na wɔadi so aba.
Jeremiah 31:5 in English
Jeremiah 31:5 · Berean Standard Bible
Again you will plant vineyards on the hills of Samaria; the farmers will plant and enjoy the fruit.
Context
3Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ,
“Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo
mede adɔeɛ atwe mo. 4Mede wo bɛsi hɔ bio
na wɔbɛsane de wo asi hɔ, Ao Israel babunu.
Wobɛfa wʼakasaeɛ bio
na wafiri adi ne anigyefoɔ akɔsa. 5Bio, mobɛyɛ bobe nturo
wɔ Samaria nkokoɔ so;
akuafoɔ no bɛdua
na wɔadi so aba. 6Ɛda bi bɛba a, awɛmfoɔ bɛteam
wɔ Efraim nkokoɔ so sɛ,
‘Mommra momma yɛnforo nkɔ Sion
nkɔ Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn.’ ” 7Deɛ Awurade seɛ nie:
“Momfa ahosɛpɛ nto nnwom mma Yakob;
Monteam mma amanaman mu dikanfoɔ.
Momma wɔnte mo ayɛyie na monka sɛ,
‘Ao Awurade gye wo nkurɔfoɔ,
Israel nkaeɛfoɔ no.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.