Native Bible

Jeremiah 31:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Deɛ Awurade seɛ nie: “Momfa ahosɛpɛ nto nnwom mma Yakob; Monteam mma amanaman mu dikanfoɔ. Momma wɔnte mo ayɛyie na monka sɛ, ‘Ao Awurade gye wo nkurɔfoɔ, Israel nkaeɛfoɔ no.’

Jeremiah 31:7 in English

Jeremiah 31:7 · Berean Standard Bible

For this is what the LORD says: “Sing with joy for Jacob; shout for the foremost of the nations! Make your praises heard, and say, ‘O LORD, save Your people, the remnant of Israel!’

Context

5Bio, mobɛyɛ bobe nturo wɔ Samaria nkokoɔ so; akuafoɔ no bɛdua na wɔadi so aba. 6Ɛda bi bɛba a, awɛmfoɔ bɛteam wɔ Efraim nkokoɔ so sɛ, ‘Mommra momma yɛnforo nkɔ Sion nkɔ Awurade yɛn Onyankopɔn nkyɛn.’ ” 7Deɛ Awurade seɛ nie: “Momfa ahosɛpɛ nto nnwom mma Yakob; Monteam mma amanaman mu dikanfoɔ. Momma wɔnte mo ayɛyie na monka sɛ, ‘Ao Awurade gye wo nkurɔfoɔ, Israel nkaeɛfoɔ no.’ 8Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam asase so aba na maboa wɔn ano afiri nsase ano. Wɔn mu bi bɛyɛ anifirafoɔ, mpakye, apemfoɔ ne mmaa a wɔwɔ awokoɔ mu. Ɛdɔm kɛseɛ bɛsane aba. 9Wɔde esu na ɛbɛba; wɔbɛbɔ mpaeɛ ɛberɛ a mede wɔn resane aba. Mede wɔn bɛfa nsuwa ho, ɛkwan tamaa a wɔrensunti wɔ so, ɛfiri sɛ mɛyɛ Israel agya, na Efraim yɛ me babarima piesie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.