Yeremia 31:2
Jeremiah 31:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ Awurade seɛ nie: “Nnipa a wɔntotɔ wɔ akofena ano no bɛnya adom wɔ anweatam so; mede ahomegyeɛ bɛbrɛ Israel.”
Jeremiah 31:2 in English
Jeremiah 31:2 · Berean Standard Bible
This is what the LORD says: “The people who survived the sword found favor in the wilderness when Israel went to find rest.”
Context
1“Saa ɛberɛ no,” Awurade na ɔseɛ, “Mɛyɛ Israel mmusuakuo no nyinaa Onyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ.” 2Deɛ Awurade seɛ nie:
“Nnipa a wɔntotɔ wɔ akofena ano no
bɛnya adom wɔ anweatam so;
mede ahomegyeɛ bɛbrɛ Israel.” 3Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kane no na ɔkaa sɛ,
“Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo
mede adɔeɛ atwe mo. 4Mede wo bɛsi hɔ bio
na wɔbɛsane de wo asi hɔ, Ao Israel babunu.
Wobɛfa wʼakasaeɛ bio
na wafiri adi ne anigyefoɔ akɔsa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.