Native Bible

Jeremiah 31:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye.” Awurade na ɔseɛ. Wo mma bɛsane aba wɔn ankasa asase so.

Jeremiah 31:17 in English

Jeremiah 31:17 · Berean Standard Bible

So there is hope for your future, declares the LORD, and your children will return to their own land.

Context

15Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Wɔte nne bi wɔ Rama, awerɛhoɔ ne agyaadwotwa bebree, Rahel resu ne mma na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ, ne mma nni hɔ bio.” 16Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Hyɛ wo ho so na woansu mia wʼani na woante nisuo, ɛfiri sɛ wɔbɛtua wʼadwumayɛ so ka,” Awurade na ɔseɛ. “Wɔbɛsane afiri atamfoɔ no asase so aba. 17Enti anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye.” Awurade na ɔseɛ. Wo mma bɛsane aba wɔn ankasa asase so. 18“Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ, ‘Wotenetenee me so sɛ nantwie ba a nʼani yɛ den, na woatwe me mʼaso. Gye me bio, na mɛsane aba, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, me Onyankopɔn. 19Memaneeɛ akyi no, menyaa adwensakyera; na akyire a menyaa nteaseɛ no, mede awerɛhoɔ boroo me koko so. Mʼanim guu ase na mefɛreeɛ ɛfiri sɛ me mmabunu mu animguaseɛ da so so me.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.