Yeremia 31:18
Jeremiah 31:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ, ‘Wotenetenee me so sɛ nantwie ba a nʼani yɛ den, na woatwe me mʼaso. Gye me bio, na mɛsane aba, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, me Onyankopɔn.
Jeremiah 31:18 in English
Jeremiah 31:18 · Berean Standard Bible
I have surely heard Ephraim’s * moaning: ‘You disciplined me severely, like an untrained calf. Restore me, that I may return, for You are the LORD my God.
Context
16Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Hyɛ wo ho so na woansu
mia wʼani na woante nisuo,
ɛfiri sɛ wɔbɛtua wʼadwumayɛ so ka,”
Awurade na ɔseɛ.
“Wɔbɛsane afiri atamfoɔ no asase so aba. 17Enti anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye.”
Awurade na ɔseɛ.
Wo mma bɛsane aba wɔn ankasa asase so. 18“Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ,
‘Wotenetenee me so sɛ nantwie ba a nʼani yɛ den,
na woatwe me mʼaso.
Gye me bio, na mɛsane aba,
ɛfiri sɛ wo ne Awurade, me Onyankopɔn. 19Memaneeɛ akyi no,
menyaa adwensakyera;
na akyire a menyaa nteaseɛ no,
mede awerɛhoɔ boroo me koko so.
Mʼanim guu ase na mefɛreeɛ
ɛfiri sɛ me mmabunu mu animguaseɛ da so so me.’ 20Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa?
Efraim nyɛ ɔba a ɔsɔ mʼani anaa?
Ɛwom sɛ metaa kasa tia no deɛ,
nanso meda so kae no.
Enti mʼakoma pere hwehwɛ no;
mewɔ ayamhyehyeɛ ma no,”
sei na Awurade seɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.