Native Bible

Jeremiah 31:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Hyɛ wo ho so na woansu mia wʼani na woante nisuo, ɛfiri sɛ wɔbɛtua wʼadwumayɛ so ka,” Awurade na ɔseɛ. “Wɔbɛsane afiri atamfoɔ no asase so aba.

Jeremiah 31:16 in English

Jeremiah 31:16 · Berean Standard Bible

This is what the LORD says: “Keep your voice from weeping and your eyes from tears, for the reward for your work will come, declares the LORD. Then your children will return from the land of the enemy.

Context

14Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so, na mama mʼakyɛdeɛ bebrebe amee me nkurɔfoɔ,” Awurade, na ɔseɛ. 15Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Wɔte nne bi wɔ Rama, awerɛhoɔ ne agyaadwotwa bebree, Rahel resu ne mma na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ, ne mma nni hɔ bio.” 16Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Hyɛ wo ho so na woansu mia wʼani na woante nisuo, ɛfiri sɛ wɔbɛtua wʼadwumayɛ so ka,” Awurade na ɔseɛ. “Wɔbɛsane afiri atamfoɔ no asase so aba. 17Enti anidasoɔ wɔ hɔ ma wo daakye.” Awurade na ɔseɛ. Wo mma bɛsane aba wɔn ankasa asase so. 18“Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ, ‘Wotenetenee me so sɛ nantwie ba a nʼani yɛ den, na woatwe me mʼaso. Gye me bio, na mɛsane aba, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, me Onyankopɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.