Yeremia 31:14
Jeremiah 31:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so, na mama mʼakyɛdeɛ bebrebe amee me nkurɔfoɔ,” Awurade, na ɔseɛ.
Jeremiah 31:14 in English
Jeremiah 31:14 · Berean Standard Bible
I will fill the souls of the priests abundantly, and will fill My people with My goodness,” declares the LORD.
Context
12Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;
wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ akyɛdeɛ bebrebe a
ɛfiri Awurade hɔ mu,
atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo,
nnwammaa ne anantwie.
Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsuo yie,
na wɔrenni awerɛhoɔ bio. 13Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye,
mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso.
Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ;
mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu. 14Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so,
na mama mʼakyɛdeɛ bebrebe amee me nkurɔfoɔ,”
Awurade, na ɔseɛ. 15Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Wɔte nne bi wɔ Rama,
awerɛhoɔ ne agyaadwotwa bebree,
Rahel resu ne mma
na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ,
ɛfiri sɛ, ne mma nni hɔ bio.” 16Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Hyɛ wo ho so na woansu
mia wʼani na woante nisuo,
ɛfiri sɛ wɔbɛtua wʼadwumayɛ so ka,”
Awurade na ɔseɛ.
“Wɔbɛsane afiri atamfoɔ no asase so aba.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.