Native Bible

Jeremiah 31:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye, mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso. Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ; mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu.

Jeremiah 31:13 in English

Jeremiah 31:13 · Berean Standard Bible

Then the maidens will rejoice with dancing, young men and old as well. I will turn their mourning into joy, and give them comfort and joy for their sorrow.

Context

11Na Awurade bɛgyina mu ama Yakob na wagye wɔn afiri wɔn a wɔwɔ ahoɔden sene wɔn no nsam. 12Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea; wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ akyɛdeɛ bebrebe a ɛfiri Awurade hɔ mu, atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo, nnwammaa ne anantwie. Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsuo yie, na wɔrenni awerɛhoɔ bio. 13Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye, mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso. Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ; mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu. 14Mɛma asɔfoɔ no deɛ ɛhia wɔn ama abu so, na mama mʼakyɛdeɛ bebrebe amee me nkurɔfoɔ,” Awurade, na ɔseɛ. 15Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Wɔte nne bi wɔ Rama, awerɛhoɔ ne agyaadwotwa bebree, Rahel resu ne mma na ɔmpɛ sɛ wɔkyekyere ne werɛ, ɛfiri sɛ, ne mma nni hɔ bio.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.