Yeremia 31:11
Jeremiah 31:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Awurade bɛgyina mu ama Yakob na wagye wɔn afiri wɔn a wɔwɔ ahoɔden sene wɔn no nsam.
Jeremiah 31:11 in English
Jeremiah 31:11 · Berean Standard Bible
For the LORD has ransomed Jacob and redeemed him from the hand that had overpowered him.
Context
9Wɔde esu na ɛbɛba;
wɔbɛbɔ mpaeɛ ɛberɛ a mede wɔn resane aba.
Mede wɔn bɛfa nsuwa ho,
ɛkwan tamaa a wɔrensunti wɔ so,
ɛfiri sɛ mɛyɛ Israel agya,
na Efraim yɛ me babarima piesie. 10“Montie Awurade asɛm, Ao amanaman;
mommɔ no dawuro wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so sɛ,
‘Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no bɛboaboa wɔn ano
na wahwɛ ne nnwankuo so sɛ odwanhwɛfoɔ.’ 11Na Awurade bɛgyina mu ama Yakob
na wagye wɔn afiri wɔn a
wɔwɔ ahoɔden sene wɔn no nsam. 12Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;
wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ akyɛdeɛ bebrebe a
ɛfiri Awurade hɔ mu,
atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo,
nnwammaa ne anantwie.
Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsuo yie,
na wɔrenni awerɛhoɔ bio. 13Afei, mmabaawa bɛsa na wɔn ani agye,
mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso.
Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane anigyeɛ;
mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛ asi awerɛhoɔ anan mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.