Native Bible

Jeremiah 31:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Montie Awurade asɛm, Ao amanaman; mommɔ no dawuro wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so sɛ, ‘Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no bɛboaboa wɔn ano na wahwɛ ne nnwankuo so sɛ odwanhwɛfoɔ.’

Jeremiah 31:10 in English

Jeremiah 31:10 · Berean Standard Bible

Hear, O nations, the word of the LORD, and proclaim it in distant coastlands: “The One who scattered Israel will gather them and keep them as a shepherd keeps his flock.

Context

8Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam asase so aba na maboa wɔn ano afiri nsase ano. Wɔn mu bi bɛyɛ anifirafoɔ, mpakye, apemfoɔ ne mmaa a wɔwɔ awokoɔ mu. Ɛdɔm kɛseɛ bɛsane aba. 9Wɔde esu na ɛbɛba; wɔbɛbɔ mpaeɛ ɛberɛ a mede wɔn resane aba. Mede wɔn bɛfa nsuwa ho, ɛkwan tamaa a wɔrensunti wɔ so, ɛfiri sɛ mɛyɛ Israel agya, na Efraim yɛ me babarima piesie. 10“Montie Awurade asɛm, Ao amanaman; mommɔ no dawuro wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so sɛ, ‘Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no bɛboaboa wɔn ano na wahwɛ ne nnwankuo so sɛ odwanhwɛfoɔ.’ 11Na Awurade bɛgyina mu ama Yakob na wagye wɔn afiri wɔn a wɔwɔ ahoɔden sene wɔn no nsam. 12Wɔbɛba na wɔde ahurisie ateam wɔ Sion sorɔnsorɔmmea; wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ akyɛdeɛ bebrebe a ɛfiri Awurade hɔ mu, atokoɔ, nsã foforɔ ne ngo, nnwammaa ne anantwie. Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsuo yie, na wɔrenni awerɛhoɔ bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.