Native Bible

Jeremiah 31:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa? Efraim nyɛ ɔba a ɔsɔ mʼani anaa? Ɛwom sɛ metaa kasa tia no deɛ, nanso meda so kae no. Enti mʼakoma pere hwehwɛ no; mewɔ ayamhyehyeɛ ma no,” sei na Awurade seɛ.

Jeremiah 31:20 in English

Jeremiah 31:20 · Berean Standard Bible

Is not Ephraim a precious son to Me, a delightful child? Though I often speak against him, I still remember him. Therefore My heart yearns for him;* I have great compassion for him,” declares the LORD.

Context

18“Ampa ara mate sɛ Efraim resu sɛ, ‘Wotenetenee me so sɛ nantwie ba a nʼani yɛ den, na woatwe me mʼaso. Gye me bio, na mɛsane aba, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, me Onyankopɔn. 19Memaneeɛ akyi no, menyaa adwensakyera; na akyire a menyaa nteaseɛ no, mede awerɛhoɔ boroo me koko so. Mʼanim guu ase na mefɛreeɛ ɛfiri sɛ me mmabunu mu animguaseɛ da so so me.’ 20Efraim nyɛ me babarima dɔfoɔ anaa? Efraim nyɛ ɔba a ɔsɔ mʼani anaa? Ɛwom sɛ metaa kasa tia no deɛ, nanso meda so kae no. Enti mʼakoma pere hwehwɛ no; mewɔ ayamhyehyeɛ ma no,” sei na Awurade seɛ. 21“Momfa ahyɛnsodeɛ nsisi ɛkwan ho; monsisi akwankyerɛ afadum. Monhyɛ ɛkwantempɔn no nso ɛkwan a monam so ba. Sane wakyi, Ao ɔbabunu Israel, sane bra wo nkuro so. 22Wobɛkyinkyini akɔsi da bɛn, Ao, ɔbabaa ɔsesafoɔ? Awurade bɛyɛ ade foforɔ wɔ asase so, ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.