Native Bible

Jeremiah 3:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nokorɛm, ahoni hooyɛ wɔ nkokoɔ ne mmepɔ so no yɛ nnaadaa; nokorɛm, Awurade yɛn Onyankopɔn mu na Israel nkwagyeɛ wɔ.

Jeremiah 3:23 in English

Jeremiah 3:23 · Berean Standard Bible

Surely deception comes from the hills, and commotion from the mountains. Surely the salvation of Israel is in the LORD our God.

Context

21Wɔte esu bi wɔ nkokoɔ no so, ɛyɛ Israelfoɔ agyaadwotwa ne nkotosrɛ, ɛfiri sɛ wɔakyeakyea wɔn akwan na wɔn werɛ afiri Awurade, wɔn Onyankopɔn. 22“Monsane mmra, ɔyera mma; mɛsa mo akyirisane yadeɛ no.” “Aane, yɛbɛba wo nkyɛn, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, yɛn Onyankopɔn. 23Nokorɛm, ahoni hooyɛ wɔ nkokoɔ ne mmepɔ so no yɛ nnaadaa; nokorɛm, Awurade yɛn Onyankopɔn mu na Israel nkwagyeɛ wɔ. 24Ɛfiri yɛn mmɔfraase, anyame huhuo adi yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba, wɔn nnwankuo ne anantwie, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa. 25Momma yɛmfa yɛn aniwuo nneda fam na yɛn ahohora nkata yɛn so. Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Onyankopɔn, yɛn ne yɛn agyanom; ɛfiri yɛn mmɔfraase bɛsi ɛnnɛ yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade, yɛn Onyankopɔn.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.