Yeremia 3:21
Jeremiah 3:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔte esu bi wɔ nkokoɔ no so, ɛyɛ Israelfoɔ agyaadwotwa ne nkotosrɛ, ɛfiri sɛ wɔakyeakyea wɔn akwan na wɔn werɛ afiri Awurade, wɔn Onyankopɔn.
Jeremiah 3:21 in English
Jeremiah 3:21 · Berean Standard Bible
A voice is heard on the barren heights, the children of Israel weeping and begging for mercy, because they have perverted their ways and forgotten the LORD their God.
Context
19“Mʼankasa mekaa sɛ,
‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma
na mama mo asase a ɛyɛ,
agyapadeɛ a ɛdi mu ma ɔman biara.’
Mesusuiɛ sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’
na monnane mo ho mfiri mʼakyi. 20Nanso, sɛdeɛ ɔbaa a ɔnni ne kunu nokorɛ no,
saa ara na moanni me nokorɛ, Ao Israel efie,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 21Wɔte esu bi wɔ nkokoɔ no so,
ɛyɛ Israelfoɔ agyaadwotwa ne nkotosrɛ,
ɛfiri sɛ wɔakyeakyea wɔn akwan
na wɔn werɛ afiri Awurade, wɔn Onyankopɔn. 22“Monsane mmra, ɔyera mma;
mɛsa mo akyirisane yadeɛ no.”
“Aane, yɛbɛba wo nkyɛn,
ɛfiri sɛ wo ne Awurade, yɛn Onyankopɔn. 23Nokorɛm, ahoni hooyɛ wɔ nkokoɔ
ne mmepɔ so no yɛ nnaadaa;
nokorɛm, Awurade yɛn Onyankopɔn mu
na Israel nkwagyeɛ wɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.