Yeremia 3:19
Jeremiah 3:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mʼankasa mekaa sɛ, ‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma na mama mo asase a ɛyɛ, agyapadeɛ a ɛdi mu ma ɔman biara.’ Mesusuiɛ sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’ na monnane mo ho mfiri mʼakyi.
Jeremiah 3:19 in English
Jeremiah 3:19 · Berean Standard Bible
Then I said, ‘How I long to make you My sons and give you a desirable land, the most beautiful inheritance of all the nations!’ I thought you would call Me ‘Father’ and never turn away from following Me.
Context
17Saa ɛberɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahennwa, na amanaman nyinaa bɛhyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn akoma bɔne a ɛma wɔn yɛ asoɔden no akyi bio. 18Saa nna no mu, Yudafie bɛka Israel efie ho, na wɔabɔ mu afiri atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapadeɛ no so. 19“Mʼankasa mekaa sɛ,
‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma
na mama mo asase a ɛyɛ,
agyapadeɛ a ɛdi mu ma ɔman biara.’
Mesusuiɛ sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’
na monnane mo ho mfiri mʼakyi. 20Nanso, sɛdeɛ ɔbaa a ɔnni ne kunu nokorɛ no,
saa ara na moanni me nokorɛ, Ao Israel efie,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 21Wɔte esu bi wɔ nkokoɔ no so,
ɛyɛ Israelfoɔ agyaadwotwa ne nkotosrɛ,
ɛfiri sɛ wɔakyeakyea wɔn akwan
na wɔn werɛ afiri Awurade, wɔn Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.