Yeremia 3:18
Jeremiah 3:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa nna no mu, Yudafie bɛka Israel efie ho, na wɔabɔ mu afiri atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapadeɛ no so.
Jeremiah 3:18 in English
Jeremiah 3:18 · Berean Standard Bible
In those days the house of Judah will walk with the house of Israel, and they will come together from the land of the north to the land that I gave to your fathers as an inheritance.
Context
16Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ɔseɛ, “nnipa renka bio sɛ, ‘Awurade yɛn ani agyina apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenka saa bio; na wɔrenyɛ apam adaka foforɔ nso. 17Saa ɛberɛ no, wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahennwa, na amanaman nyinaa bɛhyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn akoma bɔne a ɛma wɔn yɛ asoɔden no akyi bio. 18Saa nna no mu, Yudafie bɛka Israel efie ho, na wɔabɔ mu afiri atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapadeɛ no so. 19“Mʼankasa mekaa sɛ,
‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma
na mama mo asase a ɛyɛ,
agyapadeɛ a ɛdi mu ma ɔman biara.’
Mesusuiɛ sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’
na monnane mo ho mfiri mʼakyi. 20Nanso, sɛdeɛ ɔbaa a ɔnni ne kunu nokorɛ no,
saa ara na moanni me nokorɛ, Ao Israel efie,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.