Native Bible

Jeremiah 3:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Monsane mmra, ɔyera mma; mɛsa mo akyirisane yadeɛ no.” “Aane, yɛbɛba wo nkyɛn, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, yɛn Onyankopɔn.

Jeremiah 3:22 in English

Jeremiah 3:22 · Berean Standard Bible

“Return, O faithless children, and I will heal your faithlessness.” “Here we are. We come to You, for You are the LORD our God.

Context

20Nanso, sɛdeɛ ɔbaa a ɔnni ne kunu nokorɛ no, saa ara na moanni me nokorɛ, Ao Israel efie,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 21Wɔte esu bi wɔ nkokoɔ no so, ɛyɛ Israelfoɔ agyaadwotwa ne nkotosrɛ, ɛfiri sɛ wɔakyeakyea wɔn akwan na wɔn werɛ afiri Awurade, wɔn Onyankopɔn. 22“Monsane mmra, ɔyera mma; mɛsa mo akyirisane yadeɛ no.” “Aane, yɛbɛba wo nkyɛn, ɛfiri sɛ wo ne Awurade, yɛn Onyankopɔn. 23Nokorɛm, ahoni hooyɛ wɔ nkokoɔ ne mmepɔ so no yɛ nnaadaa; nokorɛm, Awurade yɛn Onyankopɔn mu na Israel nkwagyeɛ wɔ. 24Ɛfiri yɛn mmɔfraase, anyame huhuo adi yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba, wɔn nnwankuo ne anantwie, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.