Yeremia 3:24
Jeremiah 3:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri yɛn mmɔfraase, anyame huhuo adi yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba, wɔn nnwankuo ne anantwie, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa.
Jeremiah 3:24 in English
Jeremiah 3:24 · Berean Standard Bible
From our youth, that shameful god has consumed what our fathers have worked for— their flocks and herds, their sons and daughters.
Context
22“Monsane mmra, ɔyera mma;
mɛsa mo akyirisane yadeɛ no.”
“Aane, yɛbɛba wo nkyɛn,
ɛfiri sɛ wo ne Awurade, yɛn Onyankopɔn. 23Nokorɛm, ahoni hooyɛ wɔ nkokoɔ
ne mmepɔ so no yɛ nnaadaa;
nokorɛm, Awurade yɛn Onyankopɔn mu
na Israel nkwagyeɛ wɔ. 24Ɛfiri yɛn mmɔfraase, anyame huhuo adi
yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba,
wɔn nnwankuo ne anantwie,
wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa. 25Momma yɛmfa yɛn aniwuo nneda fam
na yɛn ahohora nkata yɛn so.
Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Onyankopɔn,
yɛn ne yɛn agyanom;
ɛfiri yɛn mmɔfraase bɛsi ɛnnɛ
yɛanyɛ ɔsetie amma Awurade, yɛn Onyankopɔn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.