Yeremia 25:30
Jeremiah 25:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Afei, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ, “ ‘Awurade bɛfiri soro abobom; ɔbɛma ne nne so afiri ne tenabea kronkron hɔ, na wabobɔ mu denden atia nʼasase. Ɔbɛteam te sɛ wɔn a wɔtiatia bobe aba so, ɔbɛteam agu wɔn a wɔtete asase no so.
Jeremiah 25:30 in English
Jeremiah 25:30 · Berean Standard Bible
So you are to prophesy all these words against them and say to them: ‘The LORD will roar from on high; He will raise His voice from His holy habitation. He will roar loudly over His pasture; like those who tread the grapes, He will call out with a shout against all the inhabitants of the earth.
Context
28Na sɛ wɔampɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ monom! 29Monhwɛ, merebɛfiti aseɛ de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso anaa? Wɔbɛtwe mo aso, ɛfiri sɛ merefrɛ akofena aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ɔseɛ.’ 30“Afei, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ,
“ ‘Awurade bɛfiri soro abobom;
ɔbɛma ne nne so afiri ne tenabea kronkron hɔ,
na wabobɔ mu denden atia nʼasase.
Ɔbɛteam te sɛ wɔn a wɔtiatia bobe aba so,
ɔbɛteam agu wɔn a wɔtete asase no so. 31Hooyɛ bɛgyegye akɔ nsase ano,
na Awurade bɛbɔ kwaadu atia amanaman;
ɔbɛbu adasamma nyinaa atɛn
na ɔde amumuyɛfoɔ ama akofena,’ ”
Awurade na ɔseɛ. 32Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ:
“Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛ
firi ɔman so kɔ ɔman foforɔ so;
ahum kɛseɛ bi rema ne ho so
afiri nsase ano.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.