Yeremia 25:29
Jeremiah 25:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monhwɛ, merebɛfiti aseɛ de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso anaa? Wɔbɛtwe mo aso, ɛfiri sɛ merefrɛ akofena aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ɔseɛ.’
Jeremiah 25:29 in English
Jeremiah 25:29 · Berean Standard Bible
For behold, I am beginning to bring disaster on the city that bears My Name, so how could you possibly go unpunished? You will not go unpunished, for I am calling down a sword upon all the inhabitants of the earth, declares the LORD of Hosts.’
Context
27“Afei, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Monnom, mommobo na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, ɛsiane akofena a mɛsoma aba mo so enti.’ 28Na sɛ wɔampɛ sɛ wɔgye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: Ɛsɛ sɛ monom! 29Monhwɛ, merebɛfiti aseɛ de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso anaa? Wɔbɛtwe mo aso, ɛfiri sɛ merefrɛ akofena aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ɔseɛ.’ 30“Afei, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ,
“ ‘Awurade bɛfiri soro abobom;
ɔbɛma ne nne so afiri ne tenabea kronkron hɔ,
na wabobɔ mu denden atia nʼasase.
Ɔbɛteam te sɛ wɔn a wɔtiatia bobe aba so,
ɔbɛteam agu wɔn a wɔtete asase no so. 31Hooyɛ bɛgyegye akɔ nsase ano,
na Awurade bɛbɔ kwaadu atia amanaman;
ɔbɛbu adasamma nyinaa atɛn
na ɔde amumuyɛfoɔ ama akofena,’ ”
Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.