Native Bible

Jeremiah 25:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hooyɛ bɛgyegye akɔ nsase ano, na Awurade bɛbɔ kwaadu atia amanaman; ɔbɛbu adasamma nyinaa atɛn na ɔde amumuyɛfoɔ ama akofena,’ ” Awurade na ɔseɛ.

Jeremiah 25:31 in English

Jeremiah 25:31 · Berean Standard Bible

The tumult will resound to the ends of the earth because the LORD brings a charge against the nations. He brings judgment on all mankind and puts the wicked to the sword,’” declares the LORD.

Context

29Monhwɛ, merebɛfiti aseɛ de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso anaa? Wɔbɛtwe mo aso, ɛfiri sɛ merefrɛ akofena aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ɔseɛ.’ 30“Afei, hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn sɛ, “ ‘Awurade bɛfiri soro abobom; ɔbɛma ne nne so afiri ne tenabea kronkron hɔ, na wabobɔ mu denden atia nʼasase. Ɔbɛteam te sɛ wɔn a wɔtiatia bobe aba so, ɔbɛteam agu wɔn a wɔtete asase no so. 31Hooyɛ bɛgyegye akɔ nsase ano, na Awurade bɛbɔ kwaadu atia amanaman; ɔbɛbu adasamma nyinaa atɛn na ɔde amumuyɛfoɔ ama akofena,’ ” Awurade na ɔseɛ. 32Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: “Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛ firi ɔman so kɔ ɔman foforɔ so; ahum kɛseɛ bi rema ne ho so afiri nsase ano.” 33Saa ɛberɛ no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, firi asase ano kɔsi ano nohoa. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.