Native Bible

Jeremiah 22:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn, enti biribiara yɛɛ yie maa no. Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?” Awurade na ɔseɛ.

Jeremiah 22:16 in English

Jeremiah 22:16 · Berean Standard Bible

He took up the cause of the poor and needy, and so it went well with him. Is this not what it means to know Me?” declares the LORD.

Context

14Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’ Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu; ɔde ntweneduro dura mu na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu. 15“Wowɔ ntweneduro bebree a na ɛma woyɛ ɔhene anaa? Na wʼagya nni aduane ne nsã anaa? Ɔyɛɛ deɛ ɛfa ne ɛkwan mu na ɛtene, enti ɛsii no yie. 16Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn, enti biribiara yɛɛ yie maa no. Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?” Awurade na ɔseɛ. 17“Mo ani ne mo akoma wɔ mfasoɔ bɔne nko ara so, sɛ mohwie mogya a ɛdi bem guo na moyɛ nhyɛsoɔ ne nsisie nso.” 18Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho: “Wɔrensu no sɛ: ‘Aa, me nuabarima! Aa me nuabaa!’ Wɔrensu no sɛ: ‘Aa, me wura! Aa nʼahoɔfɛ!’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.