Yeremia 22:18
Jeremiah 22:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho: “Wɔrensu no sɛ: ‘Aa, me nuabarima! Aa me nuabaa!’ Wɔrensu no sɛ: ‘Aa, me wura! Aa nʼahoɔfɛ!’
Jeremiah 22:18 in English
Jeremiah 22:18 · Berean Standard Bible
Therefore this is what the LORD says concerning Jehoiakim son of Josiah king of Judah: “They will not mourn for him: ‘Alas, my brother! Alas, my sister!’ They will not mourn for him: ‘Alas, my master! Alas, his splendor!’
Context
16Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn,
enti biribiara yɛɛ yie maa no.
Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?”
Awurade na ɔseɛ. 17“Mo ani ne mo akoma
wɔ mfasoɔ bɔne nko ara so,
sɛ mohwie mogya a ɛdi bem guo
na moyɛ nhyɛsoɔ ne nsisie nso.” 18Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho:
“Wɔrensu no sɛ:
‘Aa, me nuabarima! Aa me nuabaa!’
Wɔrensu no sɛ:
‘Aa, me wura! Aa nʼahoɔfɛ!’ 19Wɔbɛsie no sɛ afunumu.
Wɔbɛtwe nʼase na wɔato no atwene
Yerusalem apono akyi.” 20“Monkɔ Lebanon nkɔ su,
momma wɔnte mo nne wɔ Basan;
monsu mfiri Abarim,
ɛfiri sɛ wɔadwerɛ mo mpamfoɔ nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.