Native Bible

Jeremiah 22:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛsie no sɛ afunumu. Wɔbɛtwe nʼase na wɔato no atwene Yerusalem apono akyi.”

Jeremiah 22:19 in English

Jeremiah 22:19 · Berean Standard Bible

He will be buried like a donkey, dragged away and thrown outside the gates of Jerusalem.

Context

17“Mo ani ne mo akoma wɔ mfasoɔ bɔne nko ara so, sɛ mohwie mogya a ɛdi bem guo na moyɛ nhyɛsoɔ ne nsisie nso.” 18Ɛno enti, yei ne deɛ Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho: “Wɔrensu no sɛ: ‘Aa, me nuabarima! Aa me nuabaa!’ Wɔrensu no sɛ: ‘Aa, me wura! Aa nʼahoɔfɛ!’ 19Wɔbɛsie no sɛ afunumu. Wɔbɛtwe nʼase na wɔato no atwene Yerusalem apono akyi.” 20“Monkɔ Lebanon nkɔ su, momma wɔnte mo nne wɔ Basan; monsu mfiri Abarim, ɛfiri sɛ wɔadwerɛ mo mpamfoɔ nyinaa. 21Mebɔɔ wo kɔkɔ, ɛberɛ a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo, nanso wokaa sɛ, ‘Merentie!’ Yei ne ɛkwan a wonam so firi wo mmerante berɛ mu; woanyɛ ɔsetie amma me.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.