Native Bible

Jeremiah 22:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Wowɔ ntweneduro bebree a na ɛma woyɛ ɔhene anaa? Na wʼagya nni aduane ne nsã anaa? Ɔyɛɛ deɛ ɛfa ne ɛkwan mu na ɛtene, enti ɛsii no yie.

Jeremiah 22:15 in English

Jeremiah 22:15 · Berean Standard Bible

Does it make you a king to excel * in cedar? Did not your father have food and drink? He administered justice and righteousness, and so it went well with him.

Context

13“Nnome nka deɛ ɔmfa ɛkwan tenenee so nsi nʼahemfie, na ɔde nsisie si nʼabansoro. Nnome nka deɛ ɔma ne ɔmanfoɔ yɛ adwuma kwa, na ɔntua wɔn apaadie so ka. 14Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’ Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu; ɔde ntweneduro dura mu na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu. 15“Wowɔ ntweneduro bebree a na ɛma woyɛ ɔhene anaa? Na wʼagya nni aduane ne nsã anaa? Ɔyɛɛ deɛ ɛfa ne ɛkwan mu na ɛtene, enti ɛsii no yie. 16Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn, enti biribiara yɛɛ yie maa no. Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?” Awurade na ɔseɛ. 17“Mo ani ne mo akoma wɔ mfasoɔ bɔne nko ara so, sɛ mohwie mogya a ɛdi bem guo na moyɛ nhyɛsoɔ ne nsisie nso.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.