Yeremia 22:14
Jeremiah 22:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’ Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu; ɔde ntweneduro dura mu na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.
Jeremiah 22:14 in English
Jeremiah 22:14 · Berean Standard Bible
who says, ‘I will build myself a great palace, with spacious upper rooms.’ So he cuts windows in it, panels it with cedar, and paints it with vermilion.
Context
12Ɔbɛwu wɔ baabi a wɔafa no nnommum akɔ hɔ; na ɔrenhunu saa asase yi bio.” 13“Nnome nka deɛ ɔmfa ɛkwan tenenee so nsi nʼahemfie,
na ɔde nsisie si nʼabansoro.
Nnome nka deɛ ɔma ne ɔmanfoɔ yɛ adwuma kwa,
na ɔntua wɔn apaadie so ka. 14Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho
deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’
Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu;
ɔde ntweneduro dura mu
na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu. 15“Wowɔ ntweneduro bebree a
na ɛma woyɛ ɔhene anaa?
Na wʼagya nni aduane ne nsã anaa?
Ɔyɛɛ deɛ ɛfa ne ɛkwan mu na ɛtene,
enti ɛsii no yie. 16Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa wɔn,
enti biribiara yɛɛ yie maa no.
Na ɛnyɛ yei na ɛkyerɛ sɛ obi nim me anaa?”
Awurade na ɔseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.