Native Bible

Jeremiah 22:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbɛwu wɔ baabi a wɔafa no nnommum akɔ hɔ; na ɔrenhunu saa asase yi bio.”

Jeremiah 22:12 in English

Jeremiah 22:12 · Berean Standard Bible

but he will die in the place to which he was exiled; he will never see this land again.”

Context

10Monnsu ɔhene a wafiri mu, na monni ne ho awerɛhoɔ; mmom, monsu denden mma deɛ ɔkɔ nnommumfa mu, ɛfiri sɛ ɔrensane nʼakyi na ɔrenhunu asase a wɔwoo no wɔ so no bio. 11Na yei ne deɛ Awurade ka faa Yosia babarima Salum a ɔdii nʼagya adeɛ sɛ Yudahene na wafiri ha no ho: “Ɔrensane mma bio. 12Ɔbɛwu wɔ baabi a wɔafa no nnommum akɔ hɔ; na ɔrenhunu saa asase yi bio.” 13“Nnome nka deɛ ɔmfa ɛkwan tenenee so nsi nʼahemfie, na ɔde nsisie si nʼabansoro. Nnome nka deɛ ɔma ne ɔmanfoɔ yɛ adwuma kwa, na ɔntua wɔn apaadie so ka. 14Ɔka sɛ, ‘Mɛsi ahemfie kɛseɛ ama me ho deɛ ɛwɔ abansoro adan a emu soso.’ Enti ɔyɛ mpomma akɛseɛ wɔ mu; ɔde ntweneduro dura mu na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.