Native Bible

Jeremiah 2:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho, na mo ho nwoso akomatuo mu,” deɛ Awurade seɛ nie.

Jeremiah 2:12 in English

Jeremiah 2:12 · Berean Standard Bible

Be stunned by this, O heavens; be shocked and utterly appalled,” declares the LORD.

Context

10Montwa nkɔ Kitim mpoano nkɔ hwɛ, monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yie; monhwɛ sɛ biribi a ɛte sei asi wɔ hɔ: 11Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa? Nso wɔnnyɛ anyame mpo. Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyam asesa ahoni huhuo. 12Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho, na mo ho nwoso akomatuo mu,” deɛ Awurade seɛ nie. 13“Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu: Wɔapa mʼakyi, me a meyɛ nkwa asutire no, na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena, amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo. 14Israel yɛ akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa? Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.