Yeremia 2:13
Jeremiah 2:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu: Wɔapa mʼakyi, me a meyɛ nkwa asutire no, na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena, amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo.
Jeremiah 2:13 in English
Jeremiah 2:13 · Berean Standard Bible
“For My people have committed two evils: They have forsaken Me, the fountain of living water, and they have dug their own cisterns— broken cisterns that cannot hold water.
Context
11Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa?
Nso wɔnnyɛ anyame mpo.
Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyam
asesa ahoni huhuo. 12Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho,
na mo ho nwoso akomatuo mu,”
deɛ Awurade seɛ nie. 13“Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu:
Wɔapa mʼakyi,
me a meyɛ nkwa asutire no,
na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena,
amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo. 14Israel yɛ akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa?
Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi? 15Agyata abobɔ mu;
wɔapɔ no so.
Wɔasɛe nʼasase;
wɔahyehye ne nkuro ayɛ no amanfo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.