Native Bible

Jeremiah 2:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa? Nso wɔnnyɛ anyame mpo. Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyam asesa ahoni huhuo.

Jeremiah 2:11 in English

Jeremiah 2:11 · Berean Standard Bible

Has a nation ever changed its gods, though they are no gods at all? Yet My people have exchanged their Glory * for useless idols.

Context

9“Ɛno enti, merebɔ mo kwaadu bio,” deɛ Awurade seɛ nie. “Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu. 10Montwa nkɔ Kitim mpoano nkɔ hwɛ, monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yie; monhwɛ sɛ biribi a ɛte sei asi wɔ hɔ: 11Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa? Nso wɔnnyɛ anyame mpo. Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyam asesa ahoni huhuo. 12Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho, na mo ho nwoso akomatuo mu,” deɛ Awurade seɛ nie. 13“Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu: Wɔapa mʼakyi, me a meyɛ nkwa asutire no, na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena, amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.