Yeremia 17:7
Jeremiah 17:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so, na nʼanidasoɔ wɔ ne mu.
Jeremiah 17:7 in English
Jeremiah 17:7 · Berean Standard Bible
But blessed is the man who trusts in the LORD, whose confidence is in Him.
Context
5Sei na Awurade seɛ,
“Nnome nka deɛ ɔde ne ho to onipa so,
deɛ ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden
na nʼakoma dane firi Awurade ho. 6Ɔbɛyɛ sɛ wira a ɛwɔ nsase tamaa so;
sɛ yiedie ba a, ɔrenhunu,
ɔbɛtena anweatam a awoɔ so,
ne nkyene asase a obi nte soɔ so. 7“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so,
na nʼanidasoɔ wɔ ne mu. 8Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo ho
na ne nhini tene kɔ nsuo no mu.
Sɛ ahuhuro ba a, ɔnsuro;
ne nhahan yɛ frɔmm mmerɛ nyinaa.
Ɔnni ɔhaw biara wɔ afe a osuo ntɔ mu
na ɛkɔ so so aba daa.” 9Akoma yɛ nnaadaa sen adeɛ nyinaa
na ano nni aduro.
Hwan na ɔbɛte nʼase?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.