Native Bible

Jeremiah 17:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Akoma yɛ nnaadaa sen adeɛ nyinaa na ano nni aduro. Hwan na ɔbɛte nʼase?

Jeremiah 17:9 in English

Jeremiah 17:9 · Berean Standard Bible

The heart is deceitful above all things and beyond cure. Who can understand it?

Context

7“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so, na nʼanidasoɔ wɔ ne mu. 8Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no nsuo ho na ne nhini tene kɔ nsuo no mu. Sɛ ahuhuro ba a, ɔnsuro; ne nhahan yɛ frɔmm mmerɛ nyinaa. Ɔnni ɔhaw biara wɔ afe a osuo ntɔ mu na ɛkɔ so so aba daa.” 9Akoma yɛ nnaadaa sen adeɛ nyinaa na ano nni aduro. Hwan na ɔbɛte nʼase? 10“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ akoma mu na mehwehwɛ adwene mu, gyina so de tua onipa ka sɛdeɛ nʼabrabɔ teɛ.” 11Sɛdeɛ akokɔhwedeɛ a ɔhwane nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ no, saa ara na onipa a ɔnya sika a ɔmfa ɛkwan pa so teɛ. Sɛ wɔbu ne nkwa nna mu mmienu a wɔbɛgya no mu, na awieeɛ no, ne kwasea bɛda adi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.