Native Bible

Jeremiah 17:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛdeɛ akokɔhwedeɛ a ɔhwane nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ no, saa ara na onipa a ɔnya sika a ɔmfa ɛkwan pa so teɛ. Sɛ wɔbu ne nkwa nna mu mmienu a wɔbɛgya no mu, na awieeɛ no, ne kwasea bɛda adi.

Jeremiah 17:11 in English

Jeremiah 17:11 · Berean Standard Bible

Like a partridge hatching eggs it did not lay is the man who makes a fortune unjustly. In the middle of his days his riches will desert him, and in the end he will be the fool.”

Context

9Akoma yɛ nnaadaa sen adeɛ nyinaa na ano nni aduro. Hwan na ɔbɛte nʼase? 10“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ akoma mu na mehwehwɛ adwene mu, gyina so de tua onipa ka sɛdeɛ nʼabrabɔ teɛ.” 11Sɛdeɛ akokɔhwedeɛ a ɔhwane nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ no, saa ara na onipa a ɔnya sika a ɔmfa ɛkwan pa so teɛ. Sɛ wɔbu ne nkwa nna mu mmienu a wɔbɛgya no mu, na awieeɛ no, ne kwasea bɛda adi. 12Animuonyam ahennwa a ɛsi kronkronbea hɔ no firi ahyɛaseɛ no, ɛhɔ na yɛsom. 13Ao, Awurade, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bɛwu. Wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no, wɔbɛsie wɔn ɛfiri sɛ wɔagya Awurade a ɔyɛ nkwa asutire.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.