Yeremia 17:12
Jeremiah 17:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Animuonyam ahennwa a ɛsi kronkronbea hɔ no firi ahyɛaseɛ no, ɛhɔ na yɛsom.
Jeremiah 17:12 in English
Jeremiah 17:12 · Berean Standard Bible
A glorious throne, exalted from the beginning, is the place of our sanctuary.
Context
10“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ akoma mu
na mehwehwɛ adwene mu,
gyina so de tua onipa ka sɛdeɛ nʼabrabɔ teɛ.” 11Sɛdeɛ akokɔhwedeɛ a ɔhwane nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ no,
saa ara na onipa a ɔnya sika a ɔmfa ɛkwan pa so teɛ.
Sɛ wɔbu ne nkwa nna mu mmienu a wɔbɛgya no mu,
na awieeɛ no, ne kwasea bɛda adi. 12Animuonyam ahennwa a ɛsi kronkronbea hɔ no firi ahyɛaseɛ no,
ɛhɔ na yɛsom. 13Ao, Awurade, Israel anidasoɔ,
wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bɛwu.
Wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no, wɔbɛsie wɔn
ɛfiri sɛ wɔagya Awurade
a ɔyɛ nkwa asutire. 14Sa me yadeɛ Ao, Awurade, na me ho bɛtɔ me;
gye me na mɛnya nkwa,
na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.