Native Bible

Jeremiah 17:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao, Awurade, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bɛwu. Wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no, wɔbɛsie wɔn ɛfiri sɛ wɔagya Awurade a ɔyɛ nkwa asutire.

Jeremiah 17:13 in English

Jeremiah 17:13 · Berean Standard Bible

O LORD, the hope of Israel, all who abandon You will be put to shame. All who turn away will be written in the dust, for they have abandoned the LORD, the fountain of living water.

Context

11Sɛdeɛ akokɔhwedeɛ a ɔhwane nkosua a ɛnyɛ ɔno na ɔtoeɛ no, saa ara na onipa a ɔnya sika a ɔmfa ɛkwan pa so teɛ. Sɛ wɔbu ne nkwa nna mu mmienu a wɔbɛgya no mu, na awieeɛ no, ne kwasea bɛda adi. 12Animuonyam ahennwa a ɛsi kronkronbea hɔ no firi ahyɛaseɛ no, ɛhɔ na yɛsom. 13Ao, Awurade, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bɛwu. Wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no, wɔbɛsie wɔn ɛfiri sɛ wɔagya Awurade a ɔyɛ nkwa asutire. 14Sa me yadeɛ Ao, Awurade, na me ho bɛtɔ me; gye me na mɛnya nkwa, na wo ne ɔbaako a mekamfo wo. 15Wɔbisa me daa sɛ, “Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ? Ma ɛmmra mu seesei!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.