Yeremia 17:15
Jeremiah 17:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbisa me daa sɛ, “Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ? Ma ɛmmra mu seesei!”
Jeremiah 17:15 in English
Jeremiah 17:15 · Berean Standard Bible
Behold, they keep saying to me, “Where is the word of the LORD? Let it come now!”
Context
13Ao, Awurade, Israel anidasoɔ,
wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bɛwu.
Wɔn a wɔtwe wɔn ho firi wo ho no, wɔbɛsie wɔn
ɛfiri sɛ wɔagya Awurade
a ɔyɛ nkwa asutire. 14Sa me yadeɛ Ao, Awurade, na me ho bɛtɔ me;
gye me na mɛnya nkwa,
na wo ne ɔbaako a mekamfo wo. 15Wɔbisa me daa sɛ,
“Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ?
Ma ɛmmra mu seesei!” 16Mennwane mfirii mʼadwuma sɛ wo dwanhwɛfoɔ;
wonim sɛ mempɛɛ abasamutuo da.
Deɛ ɛfiri mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim. 17Nhunahuna me;
wo ne me dwanekɔbea wɔ amanehunu da.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.