Native Bible

Jeremiah 17:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sei na Awurade seɛ, “Nnome nka deɛ ɔde ne ho to onipa so, deɛ ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden na nʼakoma dane firi Awurade ho.

Jeremiah 17:5 in English

Jeremiah 17:5 · Berean Standard Bible

This is what the LORD says: “Cursed is the man who trusts in mankind, who makes the flesh his strength * and turns his heart from the LORD.

Context

3Me mmepɔ a ɛwɔ asase no so ne mo ahonyadeɛ ne mo akoradeɛ nyinaa, mede bɛma sɛ afodeɛ, ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso, ɛsiane mo ɔman no so bɔne enti. 4Mo ankasa mfomsoɔ enti, mobɛhwere agyapadeɛ* a mede maa mo no. Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ wɔ asase a monnim soɔ so, ɛfiri sɛ moahwanyane mʼabufuo, na ɛbɛtena hɔ daa.” 5Sei na Awurade seɛ, “Nnome nka deɛ ɔde ne ho to onipa so, deɛ ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden na nʼakoma dane firi Awurade ho. 6Ɔbɛyɛ sɛ wira a ɛwɔ nsase tamaa so; sɛ yiedie ba a, ɔrenhunu, ɔbɛtena anweatam a awoɔ so, ne nkyene asase a obi nte soɔ so. 7“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so, na nʼanidasoɔ wɔ ne mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.