Yeremia 17:3
Jeremiah 17:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me mmepɔ a ɛwɔ asase no so ne mo ahonyadeɛ ne mo akoradeɛ nyinaa, mede bɛma sɛ afodeɛ, ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso, ɛsiane mo ɔman no so bɔne enti.
Jeremiah 17:3 in English
Jeremiah 17:3 · Berean Standard Bible
O My mountain in the countryside, I will give over your wealth and all your treasures as plunder, because of the sin of your high places, within all your borders.
Context
1“Wɔde dadeɛ twerɛdua akrukyire Yuda bɔne,
dadeɛ twerɛdua a ano te sɛ twerɛboɔ,
wɔ wɔn akoma apono so
ne wɔn afɔrebukyia mmɛn so. 2Mpo, wɔn mma kae
wɔn afɔrebukyia ne Asera afɔrebukyia
a ɛwɔ nnua a adendan no nkyɛn
ne nkokoɔ atentene no so. 3Me mmepɔ a ɛwɔ asase no so
ne mo ahonyadeɛ ne mo akoradeɛ nyinaa,
mede bɛma sɛ afodeɛ,
ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso,
ɛsiane mo ɔman no so bɔne enti. 4Mo ankasa mfomsoɔ enti, mobɛhwere
agyapadeɛ* a mede maa mo no.
Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ
wɔ asase a monnim soɔ so,
ɛfiri sɛ moahwanyane mʼabufuo,
na ɛbɛtena hɔ daa.” 5Sei na Awurade seɛ,
“Nnome nka deɛ ɔde ne ho to onipa so,
deɛ ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden
na nʼakoma dane firi Awurade ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.